Psalms 14

Dawid dwom.


1 Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se,
“Onyankopɔn bi nni hɔ.”
Wɔaporɔw, na wɔn nneyɛe yɛ fi
na wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.


2 Awurade fi ɔsoro hwɛ
adesamma wɔ fam
sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease,
anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

3 Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho;
wɔn nyinaa ayɛ bɔne.
Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa.
Ɔbaako mpo nni hɔ.


4 Enti abɔnefo rensua nyansa ana?

Wɔwe me nkurɔfo te sɛnea nnipa di aduan.
Wonnsu mfrɛ Awurade?

5 Nanso wonni, ehu akyekyere wɔn,
efisɛ Onyankopɔn te wɔn a wɔteɛ mu.

6 Mo nnebɔneyɛfo sɛe ahiafo nhyehyɛe,
nanso, Awurade ne wɔn guankɔbea.

7 Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra!
Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn.
Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!
Copyright information for TwiAKNA